Ɔsɛnkafoɔ 12:2
Ecclesiastes 12:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ansa na owia ne hann, ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na omununkum asane aba osutɔ akyi.
Ecclesiastes 12:2 in English
Ecclesiastes 12:2 · Berean Standard Bible
before the light of the sun, moon, and stars is darkened, and the clouds return after the rain,
Context
1Kae wo Bɔfoɔ
wɔ wo mmeranteberɛ mu,
ansa na nnabɔne no aba
na mfeɛ a wobɛka sɛ,
“Menni mu anigyeɛ biara” no reba, 2ansa na owia ne hann,
ɔsrane ne nsoromma aduru sum,
na omununkum asane aba osutɔ akyi. 3Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo,
na mmarima ahoɔdenfoɔ akom,
ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti
na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu; 4ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu
na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase;
ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane,
nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.