Ɔsɛnkafoɔ 10:6
Ecclesiastes 10:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn, na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.
Ecclesiastes 10:6 in English
Ecclesiastes 10:6 · Berean Standard Bible
Folly is appointed to great heights, but the rich sit in lowly positions.
Context
4Sɛ sodifoɔ bo fu wo a,
nnya wʼadwuma nto hɔ;
na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano. 5Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu wɔ owia yi ase.
Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ: 6Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn,
na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam. 7Mahunu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so,
na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa. 8Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu;
na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.