5 Mose 9:22
Deuteronomy 9:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.
Deuteronomy 9:22 in English
Deuteronomy 9:22 · Berean Standard Bible
You continued to provoke the LORD at Taberah,* at Massah,* and at Kibroth-hattaavah.*
Context
20Awurade bo fuu Aaron ara kɔsii sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso. 21Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no wɔ ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu. 22Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso. 23Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so sɛ, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no”. Nanso, motiaa Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24Aane, ɛfiri sɛ mehunuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.