5 Mose 5:13
Deuteronomy 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,
Deuteronomy 5:13 in English
Deuteronomy 5:13 · Berean Standard Bible
Six days you shall labor and do all your work,
Context
11Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ. 12Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. 13Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 14na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie ne mo afunumu anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara. 15Monkae sɛ berɛ bi a atwam no na moyɛ nkoa wɔ Misraim, na Awurade, mo Onyankopɔn, nam anwanwa tumi ne tumi nnwuma so na ɔyii mo firii hɔ. Ɛno enti na Awurade mo Onyankopɔn hyɛ mo sɛ monni homeda no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.