5 Mose 4:8
Deuteronomy 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi?
Deuteronomy 4:8 in English
Deuteronomy 4:8 · Berean Standard Bible
And what nation is great enough to have righteous statutes and ordinances like this entire law I set before you today?
Context
6Sɛ modi so a, ɛbɛma mo agye nim wɔ adwene ne nyansa mu. Na sɛ aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam sɛ, “Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene sɛ Israel!” 7Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi? 8Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi? 9Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ Awurade yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte. 10Ka kyerɛ wɔn, ne titire no, ɛda a mokɔgyinaa Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ bepɔ Horeb a ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ ɔmanfoɔ no wɔ mʼanim na mɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛsua sɛdeɛ wɔbɛdi me ni berɛ dodoɔ a wɔte ase no, na ɛnam so ma wɔatumi akyerɛ wɔn mma mmara no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.