Native Bible

Deuteronomy 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi?

Deuteronomy 4:7 in English

Deuteronomy 4:7 · Berean Standard Bible

For what nation is great enough to have a god as near to them as the LORD our God is to us whenever we call on Him?

Context

5Sɛ moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me sɛ memfa mma mo. 6Sɛ modi so a, ɛbɛma mo agye nim wɔ adwene ne nyansa mu. Na sɛ aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam sɛ, “Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene sɛ Israel!” 7Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi? 8Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi? 9Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ Awurade yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.