5 Mose 33:25
Deuteronomy 33:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ; Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.
Deuteronomy 33:25 in English
Deuteronomy 33:25 · Berean Standard Bible
May the bolts of your gate be iron and bronze, and may your strength match your days.”
Context
23Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:
“Ao Naftali, wowɔ adom bebree
na Awurade nhyira ayɛ wo ma;
atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.” 24Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:
“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;
ne nuanom mfa anidie mma no;
wɔmfa ngo nsra ne nan ho. 25Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ;
Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa. 26“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn;
Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo,
ɔde ne tumi nante omununkum mu. 27Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea;
nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo.
Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim;
Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.