Native Bible

Deuteronomy 32:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene. Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ.

Deuteronomy 32:28 in English

Deuteronomy 32:28 · Berean Standard Bible

Israel is a nation devoid of counsel, with no understanding among them.

Context

26Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete ama wɔn nkaeɛ ayera. 27Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie, sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ, ‘Yɛn tumi adi nkonim! Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’ ” 28Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene. Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ. 29Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase! Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ! 30Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma ɔpedu adwane, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn. Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.