5 Mose 31:18
Deuteronomy 31:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti.
Deuteronomy 31:18 in English
Deuteronomy 31:18 · Berean Standard Bible
And on that day I will surely hide My face because of all the evil they have done by turning to other gods.
Context
16Awurade ka kyerɛɛ Mose “Ɛrenkyɛre, wobɛwu na woakɔka wʼagyanom ho. Wo wuo akyi no, saa nnipa yi bɛfiti aseɛ asom anyame ahɔhoɔ, anyame a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no. Wɔbɛpa me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no so. 17Ɛba saa a, mʼabufuo bɛdɛre atia wɔn. Mɛpa wɔn, na mede mʼanim asie wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den bɛba wɔn so ama wɔaka sɛ, ‘Saa ɔhaw yi twa sɛ ɛba, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio.’ 18Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti. 19“Afei, montwerɛ saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfoɔ no, na wɔnto sɛdeɛ ɛbɛyɛ adansedeɛ ama me, na mede atia wɔn. 20Mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wɔdidi mee yɛ akɛseɛ a, afei, wɔbɛdane wɔn ani akɔsom anyame afoforɔ apo me, na wɔnam so abu mʼapam no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.