Native Bible

Deuteronomy 26:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no sɛ, “Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom bɔ no so.”

Deuteronomy 26:3 in English

Deuteronomy 26:3 · Berean Standard Bible

to the priest who is serving at that time, and say to him, “I declare today to the LORD your God that I have entered the land that the LORD swore to our fathers to give us.”

Context

1Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rebɛma mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so, na moko gye tena so a, 2momfa otwakane wɔ otwa berɛ biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. 3Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no sɛ, “Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom bɔ no so.” 4Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye kɛntɛn no afiri wo nsam de asi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no anim. 5Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ otutenani Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.