Native Bible

Deuteronomy 26:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ sɛ, monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so.

Deuteronomy 26:16 in English

Deuteronomy 26:16 · Berean Standard Bible

The LORD your God commands you this day to follow these statutes and ordinances. You must be careful to follow them with all your heart and with all your soul.

Context

14Manni bi ɛberɛ a meretwa adwo anaasɛ ɛberɛ a na me ho nte no. Afei nso, mamfa me nsa anka bi, na mamfa mu bi nso amma awufoɔ. Matie Awurade, me Onyankopɔn, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no. 15Firi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfoɔ Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufosuo ne ɛwoɔ retene wɔ so sɛdeɛ wohyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.” 16Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ sɛ, monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so. 17Moapae mu aka no ɛnnɛ sɛ, Awurade yɛ, mo Onyankopɔn, na mobɛnante nʼakwan so na mobɛdi ne mmara so ayɛ ɔsetie ama no. 18Na Awurade aka no ɛnnɛ sɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ, nʼagyapadeɛ a nʼakoma da ho sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno enti, ɛsɛ sɛ modi ne mmara nyinaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.