Native Bible

Deuteronomy 25:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔtwa no mmaa boro aduanan. Sɛ wɔtwa no boro saa a, na wɔagu wo nua anim ase wɔ wʼanim.

Deuteronomy 25:3 in English

Deuteronomy 25:3 · Berean Standard Bible

He may receive no more than forty lashes, lest your brother be beaten any more than that and be degraded in your sight.

Context

1Sɛ akasakasa si mmarima baanu ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asɛnniiɛ na ɔtemmufoɔ no nni asɛm no. Ɔbɛgyaa deɛ ɔdi bem no na wɔatwe deɛ ɔdi fɔ no aso. 2Sɛ ɔbarima a ɔdi fɔ no fata sɛ wɔtwa no mmaa a, ɔtemmufoɔ no bɛma no ada hɔ na watwa no mmaa dodoɔ a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim. 3Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔtwa no mmaa boro aduanan. Sɛ wɔtwa no boro saa a, na wɔagu wo nua anim ase wɔ wʼanim. 4Nkyekyere nantwie a ɔreporo atokoɔ ano. 5Sɛ nuammarima baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafoɔ no kɔware ɔhɔhoɔ. Mmom, ne kunu a wawuo no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafoɔ no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama okunafoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.