5 Mose 25:17
Deuteronomy 25:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mommma mo werɛ mfiri deɛ Amalekfoɔ yɛɛ mo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no ɛda biara da.
Deuteronomy 25:17 in English
Deuteronomy 25:17 · Berean Standard Bible
Remember what the Amalekites did to you along your way from Egypt,
Context
15Aane, momfa nsania pa na monsusu adwadeɛ nso pɛpɛɛpɛ na moanya nkwa nna tenten wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. 16Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari adwadeɛ no yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ. 17Mommma mo werɛ mfiri deɛ Amalekfoɔ yɛɛ mo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no ɛda biara da. 18Wɔto hyɛɛ mo so ɛberɛ a moabrɛbrɛ na moatotɔ baha no, na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wɔnsuro Onyankopɔn. 19Ɛno enti, sɛ Awurade mo Onyankopɔn ma mo ahomegyeɛ firi mo atamfoɔ nyinaa nsam wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfoɔ, na yɛankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfiri yei da!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.