Native Bible

Deuteronomy 22:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio,

Deuteronomy 22:13 in English

Deuteronomy 22:13 · Berean Standard Bible

Suppose a man marries a woman, has relations with her, and comes to hate her,

Context

11Mfira ntoma a wɔde kuntu ne serekye afra anwono. 12Sɛ wopam atadeɛ a, yɛ mpɛsɛe wɔ nʼahinanan ɛnan no biara ano. 13Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio, 14na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no edin bɔne sɛ, “Mewaree no no, manhunu sɛ ɔyɛ ɔbaabunu,” 15a, ɔbaa no agya ne ne maame wɔ ho ɛkwan sɛ wɔde adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn babaa no yɛ ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ wɔ kuro no ɛpono ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.