5 Mose 16:3
Deuteronomy 16:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no.
Deuteronomy 16:3 in English
Deuteronomy 16:3 · Berean Standard Bible
You must not eat leavened bread with it; for seven days you are to eat with it unleavened bread, the bread of affliction, because you left the land of Egypt in haste—so that you may remember for the rest of your life the day you left the land of Egypt.
Context
1Daa monni Twam Afahyɛ no wɔ ɔbosome Abib* no mu mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim. 2Monkum anantwie anaa nnwan sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, wɔ baabi a Awurade bɛyi sɛ atenaeɛ wɔ ne din mu. 3Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no. 4Mommma wɔnhunu mmɔreka wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma ɛnam a mode bɔɔ afɔdeɛ ɛda a ɛdi ɛkan no anwummerɛ no nnka ogya so nkɔsi anɔpa. 5Monnni Twam Afahyɛ no wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.