5 Mose 16:1
Deuteronomy 16:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Daa monni Twam Afahyɛ no wɔ ɔbosome Abib* no mu mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim.
Deuteronomy 16:1 in English
Deuteronomy 16:1 · Berean Standard Bible
Observe the month of Abib * and celebrate the Passover to the LORD your God, because in the month of Abib the LORD your God brought you out of Egypt by night.
Context
1Daa monni Twam Afahyɛ no wɔ ɔbosome Abib* no mu mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim. 2Monkum anantwie anaa nnwan sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, wɔ baabi a Awurade bɛyi sɛ atenaeɛ wɔ ne din mu. 3Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.