5 Mose 16:14
Deuteronomy 16:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu.
Deuteronomy 16:14 in English
Deuteronomy 16:14 · Berean Standard Bible
And you shall rejoice in your feast—you, your sons and daughters, your menservants and maidservants, and the Levite, as well as the foreigner, the fatherless, and the widows among you.
Context
12Monkae sɛ, na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so. 13Sɛ moboaboa mo ayuporobea ne mo nsakyimena mu adeɛ ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu. 15Nnanson na momfa nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, animuonyam wɔ baabi a ɔbɛyi, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔma mo mfudeɛ bɔ pii na ɔhyira mo nnwuma nyinaa so. Saa afahyɛ yi yɛ ahosɛpɛ ma obiara. 16Afe biara mu, ɛsɛ sɛ mo mmarima hyia wɔ mo Awurade, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.