Native Bible

Deuteronomy 16:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monkae sɛ, na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so.

Deuteronomy 16:12 in English

Deuteronomy 16:12 · Berean Standard Bible

Remember that you were slaves in Egypt, and carefully follow these statutes.

Context

10Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so. 11Na monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a ɔbɛyi sɛ atenaeɛ a wɔbɛkamfo ne din no—mone no mo mmammarima ne mo mmammaa, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu ne ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔne mo teɛ. 12Monkae sɛ, na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so. 13Sɛ moboaboa mo ayuporobea ne mo nsakyimena mu adeɛ ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.