5 Mose 10:16
Deuteronomy 10:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no.
Deuteronomy 10:16 in English
Deuteronomy 10:16 · Berean Standard Bible
Circumcise your hearts, therefore, and stiffen your necks no more.
Context
14Ɔsorosoro mu soro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade mo Onyankopɔn, dea. 15Nanso, Awurade yii mo agyanom sɛ ne dɔ nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 16Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no. 17Awurade mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso. 18Ɔbu nwisiaa ne akunafoɔ atɛntenenee. Ɔda ne dɔ adi kyerɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduane ne ntoma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.