5 Mose 1:34
Deuteronomy 1:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuu yie na ɔkaa ntam sɛ,
Deuteronomy 1:34 in English
Deuteronomy 1:34 · Berean Standard Bible
When the LORD heard your words, He grew angry and swore an oath, saying,
Context
32Nanso, deɛ ɔyɛ maa mo no nyinaa akyi no, moannye Awurade anni. 33Ɔdii mo anim pɛɛ beaeɛ pa maa mo tenaeɛ, de ogyadum kyerɛɛ mo ɛkwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo ɛkwan awia. 34Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuu yie na ɔkaa ntam sɛ, 35“Saa awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu, onipa baako koraa nni hɔ a ɔbɛhunu asase pa a maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom 36agye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefoɔ, ɛfiri sɛ, wadi Awurade akyi nokorɛm.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.