5 Mose 1:30
Deuteronomy 1:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛdeɛ mohunuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
Deuteronomy 1:30 in English
Deuteronomy 1:30 · Berean Standard Bible
The LORD your God, who goes before you, will fight for you, just as you saw Him do for you in Egypt
Context
28Yɛrekɔ no sɛn? Yɛn akwansrafoɔ no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka sɛ asase no so nnipa yɛ atentene ahoɔdenfoɔ sene yɛn. Wɔn nkuro yɛ akɛseɛ a afasuo a wɔatoto afa ho no kɔ ɔsorosoro. Na mpo, yɛhunuu Anakfoɔ mma no bi wɔ hɔ!’ ” 29Na meka kyerɛɛ mo sɛ, “Monnsuro! 30Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛdeɛ mohunuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no. 31Na mohunuu nso sɛdeɛ Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoasoɔ wɔ ɛserɛ so ha sɛdeɛ agya hwɛ ne ba no. Afei, ɔde mo abɛduru beaeɛ ha.” 32Nanso, deɛ ɔyɛ maa mo no nyinaa akyi no, moannye Awurade anni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.