Daniel 11:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho.
Daniel 11:8 in English
Daniel 11:8 · Berean Standard Bible
He will take even their gods captive to Egypt, with their metal images and their precious vessels of silver and gold. For some years he will stay away from the king of the North,
Context
6Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama. 7“Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. 8Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho. 9Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛto ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no so, nanso ɔbɛsane nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. 10Ne mmammarima bɛsiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde akodɔm kɛseɛ bɛkɔ te sɛ nsuo a ayiri, akɔko ara akɔduru atamfoɔ no aban no ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.