Daniel 11:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama.
Daniel 11:6 in English
Daniel 11:6 · Berean Standard Bible
After some years they will form an alliance, and the daughter of the king of the South will go to the king of the North to seal the agreement. But his daughter will not retain her position of power, nor will his strength * endure. At that time she will be given up, along with her royal escort and her father * and the one who supported her.
Context
4Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu ɛnan. Ɛrenkɔ nʼasefoɔ nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, ɛfiri sɛ, wɔbɛtutu nʼaheman no ase de ama afoforɔ. 5“Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so. 6Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama. 7“Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. 8Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.