Native Bible

Colossians 3:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Agyanom, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu.

Colossians 3:21 in English

Colossians 3:21 · Berean Standard Bible

Fathers, do not provoke your children, so they will not become discouraged.

Context

19Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ. 20Mma, adeɛ nyinaa mu, montie mo awofoɔ asɛm na yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 21Agyanom, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu. 22Asomfoɔ, adeɛ nyinaa mu, montie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo enti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom, ɛsiane sɛ modi Awurade ni no enti, momfa akoma pa nyɛ. 23Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.