Kolosefoɔ 2:6
Colossians 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura enti, mo ne no mmom ntena.
Colossians 2:6 in English
Colossians 2:6 · Berean Standard Bible
Therefore, just as you have received Christ Jesus as Lord, continue to walk in Him,
Context
4Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. 5Ɛwom sɛ menni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam deɛ, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidie so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn. 6Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura enti, mo ne no mmom ntena. 7Monnye nhini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidie mu nyɛ den daa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase. 8Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne ewiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.