Kolosefoɔ 2:4
Colossians 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo.
Colossians 2:4 in English
Colossians 2:4 · Berean Standard Bible
I say this so that no one will deceive you by smooth rhetoric.
Context
2Me botaeɛ ne sɛ, wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn akoma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ. Na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. 3Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene. 4Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. 5Ɛwom sɛ menni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam deɛ, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidie so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn. 6Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura enti, mo ne no mmom ntena.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.