Amos 8:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhunu.
Amos 8:12 in English
Amos 8:12 · Berean Standard Bible
People will stagger from sea to sea and roam from north to east, seeking the word of the LORD, but they will not find it.
Context
10Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie
na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu.
Mɛma mo nyinaa afira ayitoma
na mayi mo tirinwi.
Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da
na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono. 11“Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,
“Mɛma ɛkɔm aba asase no so,
ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm,
na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm. 12Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so
na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam,
sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,
nanso wɔrenhunu. 13“Na saa da no
“mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ
bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti. 14Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam,
anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no,
wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.