Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Mɛma ɛkɔm aba asase no so, ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.

Amos 8:11 in English

Amos 8:11 · Berean Standard Bible

Behold, the days are coming, declares the Lord GOD, when I will send a famine on the land— not a famine of bread or a thirst for water, but a famine of hearing the words of the LORD.

Context

9Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ, na mama esum aduru asase so awia ketee. 10Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu. Mɛma mo nyinaa afira ayitoma na mayi mo tirinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono. 11“Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Mɛma ɛkɔm aba asase no so, ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm. 12Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhunu. 13“Na saa da no “mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.