Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda na motwe Atemmuo da bɛn.
Amos 6:3 in English
Amos 6:3 · Berean Standard Bible
You dismiss the day of calamity and bring near a reign of violence.
Context
1Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion,
ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so,
mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu,
a Israelfoɔ ba mo nkyɛn! 2Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ.
Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu,
monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.
Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no?
Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa? 3Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda
na motwe Atemmuo da bɛn. 4Modeda asonse mpa so
mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu,
na mowe nnwammaa ne
anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam. 5Mode mo sankuten to ahuhudwom,
na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ
mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.