Asomafoɔ 8:33
Acts 8:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ. Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ, wɔyii no firii asase yi so.”
Acts 8:33 in English
Acts 8:33 · Berean Standard Bible
In His humiliation He was deprived of justice. Who can recount His descendants? For His life was removed from the earth.”*
Context
31Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu. 32Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi,
“Ɔte sɛ odwammaa a wɔrekɔku no.
Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no,
saa ara na wammue nʼano. 33Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ.
Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm?
Ɛfiri sɛ, wɔyii no firii asase yi so.” 34Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?” 35Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.