Native Bible

Acts 8:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?”

Acts 8:30 in English

Acts 8:30 · Berean Standard Bible

So Philip ran up and heard the man reading Isaiah the prophet. “Do you understand what you are reading?” Philip asked.

Context

28Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no. 29Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.” 30Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?” 31Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu. 32Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi, “Ɔte sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.