Asomafoɔ 8:29
Acts 8:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.”
Acts 8:29 in English
Acts 8:29 · Berean Standard Bible
The Spirit said to Philip, “Go over to that chariot and stay by it.”
Context
27Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni*. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie. 28Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no. 29Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.” 30Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?” 31Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.