Native Bible

Acts 7:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so.

Acts 7:30 in English

Acts 7:30 · Berean Standard Bible

After forty years had passed, an angel appeared to Moses in the flames of a burning bush in the desert near Mount Sinai.

Context

28Wopɛ sɛ wokum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?’ 29Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu. 30“Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so. 31Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ, 32‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.