Native Bible

Acts 7:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ.

Acts 7:17 in English

Acts 7:17 · Berean Standard Bible

As the time drew near for God to fulfill His promise to Abraham, our people in Egypt increased greatly in number.

Context

15Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwuiɛ. 16Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieeɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu. 17“Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ. 18Akyire no, ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. 19Saa ɔhene yi de atirimuɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn maa wɔtotoo wɔn mma guiɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.