Asomafoɔ 5:7
Acts 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ.
Acts 5:7 in English
Acts 5:7 · Berean Standard Bible
About three hours later his wife also came in, unaware of what had happened.
Context
5Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no. 6Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no. 7Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ. 8Petro bisaa no sɛ, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a monyaeɛ nyinaa ara nie? Ka kyerɛ me.”
Ɔbuaa sɛ, “Aane ne nyinaa ne no.” 9Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.