Asomafoɔ 5:18
Acts 5:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase.
Acts 5:18 in English
Acts 5:18 · Berean Standard Bible
and arrested the apostles and put them in the public jail.
Context
16Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 17Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. 18Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase. 19Ɛda no ara anadwo, Awurade ɔbɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 20“Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.