Asomafoɔ 4:11
Acts 4:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ne onipa a Atwerɛsɛm ka fa ne ho sɛ, “ ‘Ɛboɔ a mo adansifoɔ poeɛ no a abɛyɛ tweatiboɔ.’
Acts 4:11 in English
Acts 4:11 · Berean Standard Bible
This Jesus is ‘the stone you builders rejected, which has become the cornerstone.’*
Context
9Sɛ ɛnnɛ mogyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafoɔ no maa ne ho tɔɔ no no a, 10ɛnneɛ ɛsɛ sɛ mo ne Israelfoɔ nyinaa hunu sɛ, saa onipa a ɔgyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ɔfiri Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.” 11Yesu ne onipa a Atwerɛsɛm ka fa ne ho sɛ,
“ ‘Ɛboɔ a mo adansifoɔ poeɛ no a
abɛyɛ tweatiboɔ.’ 12Ɔno nko ara mu na nkwagyeɛ wɔ; ɛfiri sɛ, edin biara nni ewiase ha a nnipa nam so bɛnya nkwagyeɛ.” 13Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwirie sɛ Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoɔduru so saa. Wɔhunuu sɛ saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.