Asomafoɔ 28:27
Acts 28:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”
Acts 28:27 in English
Acts 28:27 · Berean Standard Bible
For this people’s heart has grown callous; they hardly hear with their ears, and they have closed their eyes. Otherwise they might see with their eyes, hear with their ears, understand with their hearts, and turn, and I would heal them.’*
Context
25Ɛberɛ a wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ no, wɔfirii hɔ kɔeɛ. Na asɛm a ɛtwa toɔ a Paulo kaeɛ ne sɛ. “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ, 26“Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafoɔ sɛ,
‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ.
Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu,’ 27ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma;
moasi mo aso, akatakata mo ani.
Ɛnyɛ saa a anka mo ani bɛhunu adeɛ,
na mo akoma ate asɛm ase,
na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.” 28Paulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ Onyankopɔn nkwagyesɛm no aduru amanamanmufoɔ no nkyɛn. Wɔbɛtie!” 29Paulo kaa saa asɛm yi wieeɛ no, Yudafoɔ no firii hɔ kɔeɛ a na wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ dendeenden.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.