Native Bible

Acts 28:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, yɛpɛ sɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ baabiara nnipa kasa tia Akristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no.”

Acts 28:22 in English

Acts 28:22 · Berean Standard Bible

But we consider your views worth hearing, because we know that people everywhere are speaking against this sect.”

Context

20Yei enti na mepɛɛ sɛ mehunu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no enti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.” 21Wɔbuaa Paulo sɛ, “Yɛnnyaa nwoma biara a ɛfiri Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfirii anuanom a wɔfiri hɔ ba ha no nso nkyɛn. 22Nanso, yɛpɛ sɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ baabiara nnipa kasa tia Akristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no.” 23Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene. 24Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkaeɛ no diiɛ na ebi nso annye anni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.