Native Bible

Acts 28:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ, wɔannya afɔbudeɛ bi wɔ me ho a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum me.

Acts 28:18 in English

Acts 28:18 · Berean Standard Bible

They examined me and wanted to release me, because there was no basis for a death sentence against me.

Context

16Yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo ho ɛkwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no. 17Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafoɔ mpanin ne wɔn hyiaeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ bɔne biara mantia yɛn ɔman ne yɛn amanneɛ a yɛn agyanom de gyaa yɛn no de, nanso wɔkyeree me dedua wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa. 18Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ, wɔannya afɔbudeɛ bi wɔ me ho a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum me. 19Nanso, ɛberɛ a Yudafoɔ kasatia gyaeɛ a wɔpɛ sɛ wɔgyaa me no, mehunuu sɛ, ɛsɛ sɛ medwane metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfoɔ ho adwemmɔne a mewɔ enti na meyɛɛ saa. 20Yei enti na mepɛɛ sɛ mehunu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no enti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.