Native Bible

Acts 27:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ne nnansa so no, wɔsesaa ɛhyɛn no ho nneɛma no bi to guiɛ.

Acts 27:19 in English

Acts 27:19 · Berean Standard Bible

On the third day, they threw the ship’s tackle overboard with their own hands.

Context

17Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ maa so baa ɛhyɛn no mu, kyekyeree no dendeenden. Esiane sɛ na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ akɔtim anwea mu enti, wɔyiyii ɛhyɛn dua no so ntoma maa mframa no bɔɔ ɛhyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ. 18Mframaden no kɔɔ so bɔeɛ; ɛno enti adeɛ kyeeɛ no, wɔyiyii ɛhyɛn no mu nneɛma no bi to guu ɛpo no mu. 19Ne nnansa so no, wɔsesaa ɛhyɛn no ho nneɛma no bi to guiɛ. 20Nna bebree twaa mu a na yɛnhunu awia anaa nsoromma a na mframaden no gu so retu. Yei maa yɛn anidasoɔ nyinaa saeɛ. 21Nna bebree twaa mu a na obiara anidie no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.