Native Bible

Acts 25:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no odeduani;

Acts 25:14 in English

Acts 25:14 · Berean Standard Bible

Since they were staying several days, Festus laid out Paul’s case before the king: “There is a certain man whom Felix left in prison.

Context

12Festo ne ne mpanimfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Esiane sɛ woadwane atoa Ɔhempɔn Kaesare no enti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim.” 13Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no odeduani; 15na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ mennyina so mmu no kumfɔ. 16“Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Roma mmara mma ho kwan sɛ wɔbu obi fɔ ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.