Asomafoɔ 24:6
Acts 24:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔpɛɛ sɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn.
Acts 24:6 in English
Acts 24:6 · Berean Standard Bible
and he even tried to desecrate the temple; so we seized him.*
Context
4Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo sɛ nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no. 5“Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfoɔ a ɔde basabasayɛ ba Yudafoɔ nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin. 6Ɔpɛɛ sɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. 7Nanso, Ɔsafohene Lisia bɛgyee no firii yɛn nsam abrane so, 8hyɛɛ sɛ wɔmmɛdi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wobisa no a, wo ara ankasa wobɛhunu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokorɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.