Native Bible

Acts 24:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo sɛ nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.

Acts 24:4 in English

Acts 24:4 · Berean Standard Bible

But in order not to burden you any further, I beg your indulgence to hear us briefly.

Context

2Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro sɛ, “Onimuonyamfoɔ! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa enti, ɛfiri ɛberɛ a wobaeɛ yi, nsakraeɛ pa pii aba yɛn ɔman yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. 3Baabiara a yɛwɔ no, yɛka yei ho asɛm na yɛn ani sɔ deɛ woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. 4Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo sɛ nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no. 5“Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfoɔ a ɔde basabasayɛ ba Yudafoɔ nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin. 6Ɔpɛɛ sɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.