Asomafoɔ 24:13
Acts 24:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokorɛ.
Acts 24:13 in English
Acts 24:13 · Berean Standard Bible
Nor can they prove to you any of their charges against me.
Context
11Sɛdeɛ ebia woate no, ɛbɛyɛ nnafua dumienu ni a mekɔɔ Yerusalem, kɔɔ asɔredan mu sɛ merekɔsom. 12Yudafoɔ a wɔde me baa ha yi anhunu me sɛ me ne obi regye akyinnyeɛ wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. 13Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokorɛ. 14Nanso, megye tom sɛ me ne nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho a Yudafoɔ yi kasa tia wɔn no som yɛn Agyanom Onyankopɔn. Na megye nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no ne adiyifoɔ nwoma no mu no nso medi. 15Mewɔ anidasoɔ a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afiri owuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.