Native Bible

Acts 23:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me Klaudio Lisia a meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi, kyea wo!

Acts 23:26 in English

Acts 23:26 · Berean Standard Bible

Claudius Lysias, To His Excellency, Governor Felix: Greetings.

Context

24Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.” 25Afei, ɔsafohene no twerɛɛ nwoma a emu nsɛm ka sɛ: 26Me Klaudio Lisia a meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi, kyea wo! 27Yudafoɔ kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafoɔ kɔgyee no firii wɔn nsam. 28Mepɛɛ sɛ mehunu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.