Asomafoɔ 2:44
Acts 2:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho.
Acts 2:44 in English
Acts 2:44 · Berean Standard Bible
All the believers were together and had everything in common.
Context
42Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ. 43Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no. 44Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho. 45Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara. 46Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.