Native Bible

Acts 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako.

Acts 2:3 in English

Acts 2:3 · Berean Standard Bible

They saw tongues like flames of fire that separated and came to rest on each of them.

Context

1Pentekoste da* no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia* wɔ faako.* 2Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma. 3Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako. 4Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan. 5Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.