Native Bible

Acts 15:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me!

Acts 15:13 in English

Acts 15:13 · Berean Standard Bible

When they had finished speaking, James declared, “Brothers, listen to me!

Context

11Nanso, yɛgye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.” 12Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo kaa anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no teeɛ no, wɔyɛɛ dinn. 13Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me! 14Seesei ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yii amanamanmufoɔ sɛ ne de, de kyerɛɛ dwene a ɔdwene wɔn ho. 15Adiyifoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no ne yei hyia, sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu sɛ:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.