Asomafoɔ 10:35
Acts 10:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no.
Acts 10:35 in English
Acts 10:35 · Berean Standard Bible
but welcomes those from every nation who fear Him and do what is right.
Context
33Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ sɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.” 34Petro firii aseɛ kasaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no. 36Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no. 37Monim nsɛm a ɛsisii wɔ Yudea, a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.